The Purpose Driven Life Asante Twi (Softcover) – Pastor Rick Store

The Purpose Driven Life Asante Twi (Softcover)

$14.99 Regular price $17.99
Type: Book

Abrabɔ a Ɛgyina Botaeɛ So bɛboa wo ama woate Onyame nhyehyɛeɛ nwanwasoɔ a ɔwɔ ma wo wɔ asaase yi so ha ne mfesantene mu. Rick Warren bɛdi w’anim de woafa Nnafua Aduanan Honhom akwantuo a ɛbɛboa wo ama woanya anoyie ama asɛmmisa, “ME BOTAEƐ WƆ ASAASE YI SO NE SƐN?” Da koro biara no, wobɛsua bebree afa sɛnea Onyame bɔɔ wo soronko maa botaeɛ bi a wo nko ara na wobɛtumi ama no aba mu.

Abrabɔ a Ɛgyina Botaeɛ So ma nyansa a ɛfiri Twerɛ Kronkron no mu a ɛbɛkyerɛ wo deɛ nti a w’abrabɔ ho hia. Ɛbɛkyerɛ wo sɛnea Onyame pɛ sɛ ɔboa wo ma wote wo brɛ so, de w’ahoɔden si biribi so, ma w’agyinasie ahodoɔ yɛ tiawa, na ɛsiesie wo ma mfesantene. Ɛyɛ anyamesɛm a ɛrentwa mu da a ɛbɛhyɛ wo nkuran na akanyan wo ama woabɔ ɔbra a mfasoɔ wɔ mu.

RICK WARREN na ɔyɛ sɔfoɔ a ɔtee Saddleback Asafo a ɛwɔ California Anaafoɔ fam na ɛwɔ nkorabata ahodoɔ a ɛwɔ nkuro akɛseɛ a ɛwɔ wiase afanan nyinaa mu. Ɔno na ɔtwerɛɛ Abrabɔ a Ɛgyina Botaeɛ So; nwoma bi a wɔakyerɛ mu kɔ kasahodoɔ bebree mu na wɔatn bɛboro ɔpepem aduonum wɔ akwan ahodoɔ a ɔmanfoɔ bɛtumi akenkan na wɔatie mu.